body-container-line-1
25.01.2010 Lyrics

Obrafour, Guru - Kaseibo

25.01.2010 LISTEN
By GhanaCelebrities.com

Obrafour
Yee, onwunu adwo, my people, yɛrebɔ dawuro, nti monyaa aso (2x)

Yɛkyiakyia mo nyinaa, yɛde nkaseɛbɔ brɛbrɛ mo nyinaa (2x)

La la la la la, mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii dum
La la la la la, sɛ wɔapie, sɛ asa, afei, ka w'ano to mu

Guru
Ɔman dehyeɛ mekyia mo, Execution FM na mo aso gu so

Nɔnsia kaseɛbɔ, mederebrɔ mo
Mo somfo Guru na ɛde kaseɛbɔ yi rebrɛ mo
Nsɛm no dɔɔ so, maba no tɔfa
Deɛ adi ho akotene nso na mederebɛto dwa
Yɛwɔ surprise bi wɔ ahoma bi ɛwɔ yɛ telephone

Ne latest track mpo na medeayɛ me ringtone
Agya, mema wo akwaaba ba efidie yi so
FM yi wɔ nsɛm bi a, yɛpɛ sɛ yɛbisa wo
Ɛyɛ a, nkrɔfɔ taa frɛ bisa me sɛ, mebɛka no sɛn, Ɔbrafoɔ yi ɔwɔ Ghana ha?

Ebinom se yɛtee wo nka wɔ America, campaign trail, wo ne Obama, ɛyɛ ampa?

Ɛno nti na mebɔɔ kɔn tene kɔɔtwi deɛ a Breman nsɛmtwerɛfoɔ ɛbɛpɛɛ wo

Agya merebisa wo co-sign, wo deɛ gyina so minute tiaa bi ma menbɔ me bow-tie

You've been away for too long
Ama mpopɔtwewa bi ahyɛ aseɛ regrow horn
Nti da bɛn koraa na wobɛpie, w'apawa foforɔ no, da bɛn woreda no adie

Obrafour
Meda wo ase, wose deɛn ni, radio bɛn ni
Hello, hello, hello
(Yɛte wo nka, wo deɛ kasa)
Yie, m'ahoma yi koraa deɛn ni?
Wote me nka (Aane), metumi kasa (Aane, kɔ so)
Obrafour
Ei, sorry, na m'ahoma retwitwa
Yoo, wei deɛ woabisa bi, na me nsɛm pa
Ɛyɛ nokware trodoo, motee me nka akyɛ
Mekɔɔgye m'ahome, ɛtɔ da a, na mede me ho atɛ
No wose sɛn, wose, me ne Obama na, yɛreto Hosanna, wɔ he? Oh Ghana!

Me mpo meteeyɛ, yɛse mehyɛ canta, nkrɔfoɔ se m'anum nsɛm asa, mentumi mpie da

Ɛnso ɛnyɛ nokorɛ, false propaganda
Nipa bonefoɔ, Taliban na Al-Qaeda
Wɔka nye, nante, me nti na wɔchante
Ɛneɛ monya adaagye, afei na morebɛhwe ase
Mete ase, afei na merebɛyɛ no gidigidi
Yɛregyegye mo cedi cedi, mombɛhwɛ me fiili fiili, live on your TV TV

Ɔbrafoɔ mate paka na mereye huri huri, ɛbɛyɛ mo sɛ sini sini

Guru
Okay, bra panyin, gyina so ansa, amanfoɔ, yɛrekɔgye nkrato aba

Obrafour
Eii, eii, eh na ɛhyɛ mu!
Sɛ menni hɔ anka, mopɛ,
Agyinamoa nni fie a, nkura twe kɛtɛ
Nyɛ mo na moayɛ o, me ara na mayɛ
Sɛ mekooyɛ, maba, monbɔbɔ mo kɛtɛ
Na ɛhyɛ mu, eii, ei, eii!
Guru
Atiefoɔ, yɛkɔɔgye nkra, afei yɛaba bio
Me ne Ɔbrafoɔ rebɛtoatoa yɛn nkɔmmɔ dide mu
Ɔbrafoɔ, wowɔ hɔ? Anaa yɛ tetephone no ate kɔ?

Nti mo deɛ, momma yɛntoa kaseɛbɔ yi so
Yɛnsa ka no a, yɛbɛsan de no ato ahoma ne so
Nkra yɛn nsa aka firi Kumasi ne sɛ
Nnwomtoni OK, nso akɔto mona
Ɔde abaayewa bi a, adi nfie nwɔtwe aforo mpa
Wɔayene no, wɔayɛ no dosodoso, awenyaa
Ka na wu, ɛyɛ sene sɛ deɛ woretweetwee
Deɛ ɔnni nokorɛ awene ne se retweetwee
Ɔbɛdane san bɛdane, ɛne n'adwendwene
Abɔdin fata wo a, na wodi ho post
Nanso deɛ mehunu yi, mehunu wɔn mo te sɛ China phone

Obi agye abɔso 'Best Rapper Alive', nanso yɛhwehwɛɛ mu, ne albums mpo nduruu five

Nana, woaba ahoma yi so, ma menbisa wo, nsɛm bi sei, wodwene ho sɛn, anaa mereha ho?

Obrafour
Woama m'ani agye, me nua, si aboterɛ
Democracy nti, obiara ne n'adwenkyerɛ
Momma wo bo nfu, awiase, biribiara wɔ ne mmerɛ
nananom aka ato hɔ dada, masan sen srɛ
Yɛse ɔkɔtɔ de anibrɛ sɔ deɛ ɛnsɔ a, ɔbu n'aprɛ

Mongyae no, wɔayɛ agrɛ, daakye ɔbɛka nokorɛ
Abɛkyi a, ɔbutu kwan ho mpo, se wɔanyini
Wose kwan so sɛ wanyini, na deɛ ɔde wo butuu hɔ

Ɛyɛ a, na ɛyɛ me mɔbɔ, ɔdasani nhu ne ho mɔbɔ,

Pagya n'abɛti sɛ bɛpɔ na wɔrekeka mu sɛ sebɔ

Sɛ wogyenegyene wo ho, wopae sɛ pɔmpɔ
Wo ara wokanfo wo ho a, ɛnkyɛ na woate atɔ
Guru
Ah, ampa, w'ano ate, gyabera wofiri ahenfie saa na mate

Asɛmbisa a, ɛtwa toɔ, Ɔbrafoɔ, kɔnkɔnsa nii bi a, ɔbɛtoo nsɛm twerɛfoɔ

Metee nnwom bi, 'Killing the game', nti yɛbɛyɛ no yie a, ɛno ne 'Atopa Jenjen'

Mepɛ sɛ wotwerɛ yɛn mu, simple and short, yɛse Hiplife awu

Obrafour
Oh, wahyɛ da anaa, Krakye? Awuu dabɛn na mante
Anaa yɛse moakye no awe Auntie Muni waakye
Hiplife wu a, yɛbɛsu ama yɛ ti ate
Ɛneɛ sɛ anka afei na yɛn nyinaa yɛ to bɛtete
Deɛ menim ne sɛ music is dynamic
Deɛ ɔmpɛ nsakraɛ yɛ no na ahunu amane
Sɛ awu o, anwuuyɛ o, me deɛ anhia me
Ɛmom, woyɛ ɔdwomtonii, na woyɛ okunini
Sɛ ɛmmerɛ dane dane, na sɛ nnwom mane mane a
Me nua, ɛndwane dwane, dane wo ho bi
(Ɔbrafoɔ, ɛnyɛ mmerɛ)
Wo deɛ, to wo bo na menkyerɛ wo me me concern
Nsɛmfuo a ɛwɔ nnwom mu a Obroni ferɛ no content

Ɛno na ɛtɔ siin, mempɛ sɛ mɛbobɔ din
Da foforɔ, ma me mmerɛ na menkyerɛ m'adwen
Guru
Yoo, yɛ nsɛm pa o, amanfoɔ
Deɛ motee ne nka no ne Rap Sɔfoɔ
Mo somfo Guru nie
Obrafour
Yee, onwunu adwo, my people, yɛrebɔ dawuro, nti monyaa aso (2x)

La la la la la, mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii dum
La la la la la, sɛ wɔapie, sɛ asa, afei, ka w'ano to mu

La la la la la, mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii dum
La la la la la, sɛ wɔapie, sɛ asa, afei, ka w'ano to mu

Mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii dum
Sɛ wɔapie, sɛ asa, afei, ka w'ano to mu

body-container-line